Psalms 141

Dawid dwom.


1 Awurade, misu frɛ wo, bra me nkyɛn ntɛm so.
Sɛ misu frɛ wo a, gye me so.

2 Ma me mpaebɔ mmra wʼanim sɛ aduhuam;
ma me nsa a mema so no nyɛ sɛ anwummere afɔrebɔ.


3 Awurade, ma ɔwɛmfo nwɛn mʼano;
na wɛn mʼano pon.

4 Mma wɔnntwe me koma nnkɔ nea ɛyɛ bɔne ho,
na ankɔyɛ nea amumɔyɛfo yɛ no bi,
mma me ne abɔnefo
nni wɔn nnɔkɔnnɔkɔwade.


5 Ma ɔtreneeni mmɔ me, ɛyɛ ayamye;
ma ɔnka mʼanim, ɛyɛ me ti so ngo.
Me ti rempo.
Me mpaebɔ da so tia abɔnefo nneyɛe daa.


6 Wɔbɛtow wɔn sodifo afi ɔbotan so abɛhwe fam;
na amumɔyɛfo behu sɛ me nsɛm no yɛ nokware.

7 Wɔbɛka se, “Sɛnea obi funtum na otutu asase no,
saa ara na wɔabɔ yɛn nnompe ahwete ɔda ano.”


8 Nanso Otumfo Awurade, mʼani wɔ wo so;
wo mu na mihintaw, nnyaw me mma owu.

9 Bɔ me ho ban fi mfiri a wɔasunsum me no ho,
mfiri a abɔnefo asunsum no.

10 Ma amumɔyɛfo no ankasa ɔtan nyi wɔn,
bere a mitwa mu kɔ dwoodwoo no.
Copyright information for TwiAKNA